EnglishFrenchArabicSimplified ChineseHindiPortuguesePunjabiSomaliSpanishTamilThaiTwiVietnamese
Community Action Network - An initiative of Locals 175 & 633 UFCW Canada
Community Action Network - An initiative of Locals 175 & 633 UFCW CanadaLocals 175 & 633 UFCW CanadaCommunity Action Network - An initiative of Locals 175 & 633 UFCW Canada
AboutProjectsDownloadsCalendar currently NOT availableContactHome
 

MpƆtam Akuo-AyƆnkofa Dwumadie (CAN) 
Yεn Kroyε Firi Yεn Nsonsonoeε Mu

Yεn botaeε titire ne sε | Nea εfa ho
Bue dawurobƆ nhoma (brochure) no ano | Bue dawurobƆ krataa (poster) no ano
PDF adesie nhyehyεeε nhoma (wo hia Adobe Acrobat na wo de abue)

Nneεma ahodoƆ ne dwumadie afoforƆ ho nhyehyεeε wƆ brƆfo kasa mu nkoaa. Sε wo hia nkitahodie a εfa MpƆtam Akuo-Dwumadie ho anaa wƆn dwumadie ahodoƆ a wƆn die ho a, εne yεn nni saa nkitahodie no wƆ: membership@ufcw175.com anaasε wobetumi afrε 1-800-565-8329. YεbεbƆ mmƆden ama wo ne obi a Ɔte wo kasa anaa kasa biara a woka ase anya nkitahodie, na sε nsεmhia bi wƆ hƆ a Ɔde ama wo.


Yεn botaeε titire ne sε:

  • Yεbεhyε MpƆtam Akuo no den εwƆ Ɔkwan a wƆbεfa so de ahofama, obuo, nokwaredie ne pεrpεr bεsom nnipa a wƆwƆ akuo no mpƆtam hƆ, na afei w’ayε nsi-anan mu ne akasafoƆ ama nnipa hodoƆ ne amamrε ahodoƆ a wobom te mpƆtam hƆ no.

  • Yεbεtoa so ne akuo nketewa ne mpƆtam akuo ahodoƆ a wƆne mpƆtam akuo 175 & 633 no wƆ dwumadie nyinasoƆ ne ahofama koro a εfa Ɔsom dwumadie a wƆde rema wƆn mpƆtamfoƆ sεnea εbεyε a wobenya mpontuo wƆ wƆn asetena mu bere a wƆnnkƆƆ adwuma na wƆwƆ fie no bedi nsawƆsoƆ ne nkitaho.

  • Yεne mpƆtam akuo ahodoƆ no bεbom ayε nkyerεkyerε ama ekuo mma, ahwεfoƆ ne adwumayεfoƆ εwƆ nsεm titire a ehia na εfa nnipa hodoƆ ne kasa ahodoƆ a wobom te no na y’atete mpƆtam baanodifoƆ no ama wƆn apε Ɔkwan pa bi a wƆbεfa so ahwε ama wƆn daadaa asetena ne wƆn yƆnkonom adwumayεfoƆ ne wƆn mpƆtamfoƆ no atu mpƆn.

San w’akyi kƆ atifi


Nea ℇfa Yεn Ho

MpƆtam Kuo Dwamutenani Wayne Hanley na Ɔtee MpƆtam Akuo-AyƆnkofa Dwumadie (CAN) bosome a edi kan (ƆpepƆn) 2006 mu. BaasonfoƆ a wƆhwε dwumadie no so no yε MpƆtam Akuo 175 & 633 adwumayεfoƆ a wƆhoahoa wƆn ho wƆ Canada nkabom-akuo amamrε ho.

Yεn awofoƆ ne yεn nananom pii de anuƆden ne Ɔko kεseε na εpere de nyaa obuo ne adwumayεbea nhyehyεeε a na εfata wƆn. Sε ekuo mma nya akatua pa ne abasobƆdeε a na efiri ka a wƆn aka wƆn ho abom agyina sε nnipa baako ntia.

Nkabom yε fapem baako a εde adwuma nhyehyεeε pa ba. Nkabom kuo biara hia sε ebenya nnipa dƆm a wogyina ma wƆn wƆ adwuma hodoƆ mu no nyinaa ama wƆn agyina wƆn akyi.

Abεεfo pii a wƆn aba Canada no nnim adwumayε ho mmra a εwƆ Ɔman yi mu. Wonnhyεε da nnyaa nkyerεkyerε a εma wohunu sε wƆwƆ ho kwan sε wƆdƆm adwumayεfoƆ kuo anaa wohu Adwuma BanbƆ Nhyehyεeε ho Mmra (ESA) a ne botaeε ne sε wƆde bƆ Ontario adwumayεfoƆ ho ban.

MpƆtam Akuo-AyƆnkofa Dwumadie (CAN) no botaeε ne sε adwumayεfoƆ kasa hodoƆ ne wƆn amamrε hodoƆ nyinaa akyi no wƆbεka wƆn abom. Nnipa pii a wƆdƆm MpƆtam 175 & 633 Akuo no dƆm akuo a εwƆ wƆn mpƆtam dada enti CAN botaeε ne sε wƆbεfa amamrε kwan so de nkitahodie papa abεto MpƆtam Akuo no ne amamrε ahodoƆ akuo a εwƆ Ontario no ntam.

Sε wowƆ asεm bi anaa wohia nkyerεmu biara a, wobenya yεn wƆ membership@ufcw175.com

San w’akyi kƆ atifi


Mmaa AdwumayεfoƆ MpƆtam Hyiadan

WƆde hyiadan no yε apomuden ho nkyerεkyerε, wƆyε nkyerεkyerε nso ma wƆn a wƆpεsε wosua kasa foforƆ ka wƆn deε ho, ahwεfoƆ nkyerεkyerε, adwumayε ahyεase ahosiesie nkyerεkyerε na afei nso hyiadan no san yε baabi a akuokuo tumi yε wƆn nhyiamu.

AsutƆberε (Spring), afe 2005 no mu no, mpƆtam akuo 175 & 633 fitii dwumadie bi a w’ato ne din “Gyina wo nnan so”, a ne botaeε ne sε εbεboa abεεfo a wƆn aba Canada foforƆ no mma nkumaa ama wƆn asua sεnea wƆkyerεw ne sεnea wƆkenkan nhoma.

Gyina wo nnan so dwumadie yi, wƆhyεε aseε afe 2001 bere a sukuu akyerεkyerεfoƆ kyerεw krataa bi a w’ato ne din “Asisie a εda amamrε ahodoƆ a εwƆ Toronto KuropƆn mu” a wƆn daa no adie wƆ emu sε PotogisfoƆ mmofra ntaa nkƆ mfitiaseε sukuu nnwie anaa sε wƆkƆ mfitiaseε sukuu no wie mpo a wƆnntaa nkƆ ntoasoƆ sukuu.

MpƆtam Kuo no nso boa PaanotoƆ Ho Adesua dwumadie – εyε dwumadie a WWCC ne Mmaa Abεεfo Hyiadan adwumayεfoƆ na abom ahyehyε. Saa dwumadie yi boa adesuafoƆ no ma wosua sεnea wƆto paanoo. MpƆtam Kuo no yε nkyerεkyerε a εfa apomuden ne ahwεyie ho, Ɔkwan pa a wƆfa so so aduane mu, na wƆyε nkyerεkyerε a εfa Ɔkwan a wƆbεfa so ayε nhwehwεmu wƆ nneεma a ebetumi adi nnipa awu ne Ɔkwan a wƆbεfa so asi ano kwan (HACCP) de ma adesuafoƆ no nso.


Sri Lanka ‘Ka Bi Ma Menka Bi’ Nhyiamudie

Efiri bere a Sri Lanka ‘Ka Bi Ma Menka Bi’ Nhyiamudie no hyεε aseε afe 2002 mu no, MpƆtam Kuo no ayε akyiritaafoƆ ama wƆn a wƆhwehwε sε onipa biara nsa bεka ne Ɔdomankoma apεgyadeε wo Canada ha εne ewiase nyinaa a mpƆtam a Sri LankafoƆ, SinhalesefoƆ ne NkramofoƆ teteε, mpo mpƆtam a wƆn a wƆnnyε Sri LankafoƆ teteε no nso ka ho bi. Saa akomafoƆ kuo yi hwehwε sε Ɔdomankoma apεgyadeε a nnipa bi tiatia so wƆ Sri Lanka no to betwa ama asomdwoeε aba na Ɔko no to atwa.


Mayworks Afahyε

WƆhyehyεε Mayworks Afahyε yi maa AdwumayεfoƆ ne Ɔdom-Akyεdeε AgodifoƆ efisε adwumayεfoƆ ne saa agodifoƆ yi yε ekuo mmienu a wƆko pere hwehwε akatua pa, adwuma nhyehyεeε pa a εboa apomuden, ne asetra a εhyε wƆn amamrε animuonyam. Mayworks’ botaeε ne sε εbεhwehwε adwumayεfoƆ yiedie a εfa wƆn amamrε ho ne akuo a w’atete de hwehwε adwumayεfoƆ yiedie, na afei w’ama adwumayεfoƆ ahodoƆ amamrε a wƆreyε ato atwene no nyinasoƆ pa a wobetumi de ahoahoa wƆn ho. MpƆtam Kuo no yε Mayworks Afahye no kyiritaafoƆ kεseε baako.


Toronto Roman Catholic Mansin Sukuu AhwεfoƆ
Ababun a Wobetumi Anya Amaneε Dwumadie.

Ababun a wobetumi anya amaneε dwumadie no yε adwuma a ne titire no εwƆ Jamestown mpƆtam na εbƆ mmƆden sε εbεma ababun no nkyerεkyerε a εbεboa wƆn ama sε wonya adwuma a wobetumi atena mu. MpƆtam Kuo no nam kƆmputa so yε nkyerεkyerε a εfa Ɔkwan a wƆbεfa so ayε nhwehwεmu wƆ nneεma a ebetumi adi nnipa awu ne Ɔkwan a wƆbεfa so asi ano kwan (HACCP) na WHMIS nteteε nso ka ho bi.


MpƆtam Suahunu Nteteε Hyiadan

Akuo 175 & 633 nam Suahunu Nteteε Hyiadan no mu san yε nkyerεkyerε de ma ababun ne mmaa a wobetumi anya amaneε. Saa adesua yi, wƆyε de ma Rexdale mpƆtam a εbεn Jamestown no nso bi.

Akuo ahodoƆ a yεboa wƆn no bi ne:

Chinese Canadian National Council
Coalition of Black Trade Unionists
Four Villages Community Health Centre
The Centennial Foundation
KAIROS
UFCW Minority Coalition
United Latinos of UFCW

San w’akyi kƆ atifi

Community Action Network - An initiative of Locals 175 & 633 UFCW Canada
AboutDownloadsProjectsCalendarContactHome